1 Chronicles 1:19 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Eber woo mmammarima baanu. Abakan no din de Peleg a asekyerɛ ne “nkyekyɛmu” ɛfiri sɛ, ne berɛ so na nnipa a wɔwɔ ewiase mu kyekyɛ kɔɔ kasa ahodoɔ mu na wɔbɔ hweteeɛ. Nʼakyiri ba no din de Yoktan.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔwoo mma baanu maa Eber, ɔbaako din de Peleg, (na ne berɛ so na asase mu teteeɛ). Na ne nua din de Yoktan.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔwoo mma baanu maa Eber, ɔbaako din de Peleg, (na ne berɛ so na asase mu teteeɛ). Na ne nua din de Yoktan.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔwoo mma baanu maa Eber, obiako din de Peleg, na ne bere so na asase mu tetewee. Na ne nua din de Yoktan.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eber woo mmabarima baanu. Wɔtoo ɔbaako din Peleg a ase kyerɛ Nkyekyɛmu, efisɛ nʼawobere mu na kasa ahorow nti, nnipa a wɔwɔ asase so mu kyekyɛe ma wɔhwetee. Na wɔtoo ne nua a ɔka ne ho no din Yoktan.