1 Chronicles 11:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yeinom ne Dawid nnɔmmarima ntuanofoɔ. Wɔne Israel nyinaa boom, sii gyinaeɛ sɛ wɔde Dawid bɛyɛ wɔn so ɔhene sɛdeɛ Awurade ahyɛ bɔ afa Israel ho no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yeinom ne nnɔmmarima a na Dawid wɔ no mu atitire a wɔhyɛɛ wɔn ho den kaa ne ho n’ahennie mu, sɛ wɔne Israel nyinaa bɛsi no hene, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔkaa no Israel ho no teɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yeinom ne nnɔmmarima a na Dawid wɔ no mu atitire a wɔhyɛɛ wɔn ho den kaa ne ho n’ahennie mu, sɛ wɔne Israel nyinaa bɛsi no hene, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔkaa no Israel ho no teɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na eyinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no mu atitiriw a wɔhyɛɛ wɔn ho den kaa ne ho n’ahenni mu, sɛ wɔne Israel nyinaa besi no hene, sɛnea AWURADE kae Israel ho no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyinom ne Dawid dɔmmarima ntuanofo. Wɔne Israel nyinaa bɔɔ mu, sii gyinae sɛ wɔde Dawid bɛyɛ wɔn so hene sɛnea Awurade ahyɛ bɔ afa Israel ho no.