1 Chronicles 11:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, Eleasa ne Dawid gyinaa wɔn nan so wɔ afuo no mfimfini, bɔɔ Filistifoɔ guiɛ. Na Awurade maa wɔdii nkonim de gyee wɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɔno ne nkaeɛ no kɔgyinaa asasewa no mfimfini gyee wɔn ho, na wɔkum Filistifoɔ no. Na AWURADE de nkonimdie kɛseɛ gyee wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɔno ne nkaeɛ no kɔgyinaa asasewa no mfimfini gyee wɔn ho, na wɔkum Filistifoɔ no. Na AWURADE de nkonimdie kɛseɛ gyee wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na wokogyinaa asasewa no mfinimfini gyei, na wokum Filistifo no, na AWURADE de nkonimdi kɛse gyee wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso Eleasar ne Dawid gyinaa wɔn anan so wɔ afuw no mfimfini, bɔɔ Filistifo no gui. Na Awurade ma wodii nkonim de gyee wɔn.