1 Chronicles 11:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yoab nuabarima Abisai na na ɔtua Aduasa no ano. Ɔno na ɔde ne pea kunkumm atamfoɔ no mu ahasa. Saa mmaninsɛm yi enti na ɔgyee edin te sɛ Baasa no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yoab nua Abisai nso di baasa no ti. Ɔno nso na ɔhwinhwim ne pea atɔfoɔ ahasa soɔ, na ɔwɔ din baasa no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yoab nua Abisai nso di baasa no ti. Ɔno nso na ɔhwinhwim ne pea atɔfoɔ ahasa soɔ, na ɔwɔ din baasa no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yoab ne nua Abisai nso di baasa no ti. Ɔno nso na ohwinhwim ne peaw nnipa ahasa so kunkum wɔn, na ɔwɔ din baasa no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yoab nuabarima Abisai na na otua Aduasa no ano. Ɔko baako bi mu no, ɔde ne peaw kunkum atamfo no mu ahaasa. Saa mmaninsɛm yi nti na ogyee din sɛ Baasa no.