1 Chronicles 11:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Dawid kyekyeree kuro no, trɛɛ mu firi Milo de twaa ho hyiaeɛ, ɛberɛ a na Yoab nso rekyekyere Yerusalem nkaeɛ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid kyekyeree kuro no hyiae de firi Milo ara de twaa ho hyiae. Na Yoab siesiee kuro no nkaeɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid kyekyeree kuro no hyiae de firi Milo ara de twaa ho hyiae. Na Yoab siesiee kuro no nkaeɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid kyekyeree kurow no hyiae de fi Milo ara de twaa ho hyiae. Na Yoab siesiei ɔman no a ɛkae no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Dawid kyekyeree kurow no, trɛw mu fi Milo de twaa ho hyiae, bere a na Yoab nso rekyekyere Yerusalem nkae no.