1 Chronicles 12:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afe no ahyɛaseɛ a Asubɔnten Yordan ayiri no, wɔtwa kɔpamoo nnipa a wɔtete tata so wɔ nʼapueeɛ ne nʼatɔeɛ nkonkɔn so nyinaa firii hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yeinom ne wɔn a wɔtwaa Yordan, bosome a ɛdi kan no mu, berɛ a na ayiri asram ne nsunoa nyinaa so no, na wɔkaa mmonhwa no mufoɔ nyinaa guiɛ, apueeɛ fam ne atɔeɛ fam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yeinom ne wɔn a wɔtwaa Yordan, bosome a ɛdi kan no mu, berɛ a na ayiri asram ne nsunoa nyinaa so no, na wɔkaa mmonhwa no mufoɔ nyinaa guiɛ, apueeɛ fam ne atɔeɛ fam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Eyinom ne wɔn a wotwaa Yordan, ɔsram a edi kan no so a ayiri ne kɔn nyinaa so no, na wɔkaa abon no mufo nyinaa gui, apuei fam ne atɔe fam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afe no mfiase a Asubɔnten Yordan ayiri no, wotwa kɔpam nnipa a wɔtete tataw so wɔ nʼapuei ne nʼatɔe konkɔn so nyinaa fii hɔ.