1 Chronicles 12:34 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn a wɔfiri Naftali abusuakuo mu no yɛ asraafoɔ mpanimfoɔ apem (1,000) ne akofoɔ akɛseɛ mpem aduasa nson (37,000) a wɔkurakura nkataboɔ ne mpea.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Naftali mu asafohene apem, na nnipa a wɔkura akyɛm ne mpea mpemaduasa nson ka wɔn ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Naftali mu asafohene apem, na nnipa a wɔkura akyɛm ne mpea mpemaduasa nson ka wɔn ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Naftali mu asafohene apem a nnipa a wokura akyɛm ne mpeaw ɔpeduasa ason ka wɔn ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn a wofi Naftali abusuakuw mu no yɛ asraafo mpanyimfo apem (1,000) ne akofo akɛse mpem aduasa ason (37,000) a wokurakura nkatabo ne mpeaw.