1 Chronicles 12:37 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ruben, Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa a na wɔtete Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no maa asraadɔm mpem ɔha ne aduonu (120,000) a wɔwɔ akodeɛ ahodoɔ nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔn a wɔfiri Yordan agya a wɔfiri Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no mu nnipa a wɔkura akodeɛ ahodoɔ nyinaa, mpemha ne mpemaduonu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔn a wɔfiri Yordan agya a wɔfiri Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no mu nnipa a wɔkura akodeɛ ahodoɔ nyinaa, mpemha ne mpemaduonu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ne wɔn a wofi Yordan agya a wofi Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no mu nnipa a wokura akode ahorow nyinaa, ɔpeha ne ɔpeduonu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ruben, Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa a na wɔtete Asubɔnten Yordan apuei fam no maa asraafo mpem ɔha ne aduonu (120,000) a wɔwɔ akode ahorow nyinaa.