1 Chronicles 15:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Dawid sisii adan bebree wɔ Dawid kurom. Bio, ɔsiesiee baabi, sii ntomadan wɔ hɔ a ɔde Onyankopɔn Apam Adaka no bɛsi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid sisii adan maa ne ho wɔ Dawid kuro mu, na ɔsiesiee afa bi maa Nyankopɔn adaka no, na ɔsii ntomadan maa no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid sisii adan maa ne ho wɔ Dawid kuro mu, na ɔsiesiee afa bi maa Nyankopɔn adaka no, na ɔsii ntomadan maa no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na osisii adan Dawid kurow mu, na osiesiee afa bi maa Onyankopɔn adaka no, na osii ntamadan maa no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Dawid sisii adan bebree wɔ Dawid kurom. Bio, osiesiee baabi, sii ntamadan wɔ hɔ a ɔde Onyankopɔn Apam Adaka no besi.