1 Chronicles 15:26 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɛsiane sɛ akyinnyeɛ biara nni ho sɛ Awurade ka Lewifoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no ho no enti, wɔde anantwinini nson ne nnwennini nson bɔɔ afɔdeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Onyankopɔn boaa Lewifoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no no, wɔde anantwinini nson ne adwennini nson bɔɔ afɔdeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Onyankopɔn boaa Lewifoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no no, wɔde anantwinini nson ne adwennini nson bɔɔ afɔdeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Onyankopɔn boaa Lewifo a wɔso AWURADE apam adaka no no, wɔde anantwinini ason ne adwennini ason bɔɔ afɔre.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na esiane sɛ akyinnye biara nni ho sɛ Awurade ka Lewifo a wɔso Awurade Apam Adaka no ho no nti, wɔde anantwinini ason ne adwennini ason bɔɔ afɔre.