1 Chronicles 16:38 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ekuo yi mu nnipa ne Obed-Edom (a ɔyɛ Yedutun babarima no), Hosa ne Lewifoɔ aduosia nwɔtwe a wɔyɛ apono anohwɛfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na Obed-Edom ne wɔn nuanom yɛ aduosia nwɔtwe, na Yedutun ba Obed-Edom ne Hosa yɛɛ apono ano ahwɛfoɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na Obed-Edom ne wɔn nuanom yɛ aduosia nwɔtwe, na Yedutun ba Obed-Edom ne Hosa yɛɛ apono ano ahwɛfoɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na Obed-edom ne wɔn nuanom si aduosia awotwe, na Yedutun ba Obed-edom ne Hosa yɛɛ aponanohwɛfo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa kuw yi mu nnipa ne Obed-Edom (a ɔyɛ Yedutun babarima no), Hosa ne Lewifo aduosia awotwe a wɔyɛ apon ano hwɛfo.