1 Chronicles 17:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Me ne hwan, Ao Awurade Onyankopɔn, na mʼabusua yɛ abusua bɛn a enti wode me abɛduru saa tebea yi mu?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Ɔhene Dawid ba bɛtenaa AWURADE anim sɛ: Hwan ne me, AWURADE Nyankopɔn, na hwan ne me fie, na wode me abɛduru sɛsɛɛ yi?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Ɔhene Dawid ba bɛtenaa AWURADE anim sɛ: Hwan ne me, AWURADE Nyankopɔn, na hwan ne me fie, na wode me abɛduru sɛsɛɛ yi?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna ɔhene Dawid ba bɛtenaa AWURADE anim sɛ: Hena ne me, AWURADE Nyankopɔn, na hena ne me fi, na wode me abedu sesɛɛ yi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpae se, “Me ne hena, Awurade Nyankopɔn, na mʼabusua yɛ abusua bɛn a nti wode me abedu saa tebea yi mu?