1 Chronicles 17:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ao Awurade, me enti ne wo pɛ mu enti, woayɛ saa nneɛma akɛseɛ yi nyinaa, na woada no adi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
AWURADE, w’akoa nti ne sɛdeɛ ɛwɔ w’akoma mu no na woadi saa asɛnkɛseɛ yi nyinaa, sɛ worema wɔahunu asɛnkɛseɛ no nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
AWURADE, w’akoa nti ne sɛdeɛ ɛwɔ w’akoma mu no na woadi saa asɛnkɛseɛ yi nyinaa, sɛ worema wɔahunu asɛnkɛseɛ no nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
AWURADE, w’akoa nti, ne sɛ ɛwɔ wo koma mu no, na woadi saa asɛnkɛse yi nyinaa, sɛ worema wɔahu asɛnkɛse no nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade, me nti ne wo pɛ mu nti, woayɛ saa nneɛma akɛse yi nyinaa, na woada no adi.