1 Chronicles 17:24 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wo din ase ntim, na wɔnhyɛ no animuonyam afebɔɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ewiase nyinaa bɛka sɛ, ‘ Awurade Otumfoɔ yɛ Onyankopɔn wɔ Israel!’ Na ma wo ɔsomfoɔ Dawid ahennie nnidisoɔ no ase ntim wɔ wʼanim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛntim, na wo din no nso kɛseɛ nkɔsi daa, na wɔnka sɛ: Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ne Onyankopɔn ma Israel. Na ma w’akoa Dawid fie nsi w’anim pintinn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛntim, na wo din no nso kɛseɛ nkɔsi daa, na wɔnka sɛ: Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ne Onyankopɔn ma Israel. Na ma w’akoa Dawid fie nsi w’anim pintinn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na entim, na wo din no nso kɛse nkosi daa, na wɔnka sɛ: Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, ne Nyankopɔn ma Israel. Na ma w’akoa Dawid fi nsi w’anim pintinn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wo din ase ntim, na wɔnhyɛ no anuonyam afebɔɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wiase nyinaa bɛka se, ‘Asafo Awurade yɛ Onyankopɔn wɔ Israel!’ Na ma wo somfo Dawid ahenni nnidiso no ase ntim wɔ wʼanim.