1 Chronicles 18:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
ɔsomaa ne babarima Hadoram ma ɔkɔɔ Dawid nkyɛn kɔmaa no amo wɔ ne nkonimdie no ho. Na Hadadeser ne Tou atane wɔn ho akyɛre, a na akokoakoko aba wɔn ntam. Yoram kɔkyɛɛ Dawid sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ bebree.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ɔsomaa ne ba Hadoram baa Ɔhene Dawid nkyɛn bɛkyeaa no hyiraa no, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no aguo nti, ɛfiri sɛ na Hadadeser ne Tou redi ako. Na ɔkura sika ne dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nnwinneɛ ahodoɔ nyinaa bae.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ɔsomaa ne ba Hadoram baa Ɔhene Dawid nkyɛn bɛkyeaa no hyiraa no, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no aguo nti, ɛfiri sɛ na Hadadeser ne Tou redi ako. Na ɔkura sika ne dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nnwinneɛ ahodoɔ nyinaa bae.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ɔsomaa ne ba Hadoram baa ɔhene Dawid nkyɛn bekyiaa no hyiraa no, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no agu nti, efisɛ Hadadeser ne Tou di dɔm, na okura sika ne dwetɛ ne kɔbere nnwinne ahorow nyinaa bae.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
ɔsomaa ne babarima Hadoram ma ɔkɔɔ Dawid nkyɛn kɔmaa no mo wɔ ne nkonimdi no ho. Na Hadadeser ne Tou atan wɔn ho akyɛ, a na akokoakoko aba wɔn ntam. Yoram kɔkyɛɛ Dawid sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne kɔbere mfrafrae bebree.