1 Chronicles 18:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔde asraafodɔm guu Damasko, Aram ahenkuro mu, ma Aramfoɔ no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wɔbrɛ no apeatoɔ. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid de bansifoɔ sii Siriafoɔ a wɔwɔ Damasko no so, na Siriafoɔ danee Dawid nkoa a na wɔtua apeatoɔ. Na AWURADE maa Dawid dii nim baabiara a ɔkɔeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid de bansifoɔ sii Siriafoɔ a wɔwɔ Damasko no so, na Siriafoɔ danee Dawid nkoa a na wɔsoa ayɛyɛdeɛ ba. Na AWURADE maa Dawid dii nim baabiara a ɔkɔeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid de bansifo sii Siriafo a wɔwɔ Damasko no so, na Siriafo dan Dawid nkoa a wɔsoa ayɛyɛde ba. Na AWURADE maa Dawid dii nim baabiara a ɔkɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔde asraafo guu Damasko, Aram ahenkurow mu, maa Aramfo no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wɔbrɛ no sonkahiri. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim.