1 Chronicles 19:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Amonfoɔ hunuu sɛ Aramfoɔ no redwane no, wɔdwane firi Abisai anim kɔɔ kuropɔn no mu. Afei, Yoab sane kɔɔ Yerusalem.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Siriafoɔ adi nkoguo no, wɔn nso dwane firii n’anim ne nua Abisai anim kɔhyɛnee kuro no mu. Na Yoab sane baa Yerusalem.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Siriafoɔ adi nkoguo no, wɔn nso dwane firii Yoab nua Abisai anim kɔhyɛnee kuro no mu. Na Yoab sane baa Yerusalem.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Amonfo no hui sɛ Siriafo agu no, wɔn nso gui ne nua Abisai anim kɔhyɛn kurow no mu. Na Yoab san baa Yerusalem.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Amonfo huu sɛ Aramfo no reguan no, woguan fi Abisai anim kɔɔ kuropɔn no mu. Afei, Yoab san kɔɔ Yerusalem.