1 Chronicles 19:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Hanun kyeree Dawid abɔfoɔ no, werɛɛ wɔn abɔgyesɛ, twitwaa wɔn ntadeɛ ano wɔ wɔn to ase, maa wɔsane de animguaseɛ kɔɔ Dawid nkyɛn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Hanun faa Dawid nkoa no, na ɔyiyii wɔn, na ɔtwitwaa wɔn ntadeɛ mu fa fa, de bɛduruu wɔn nsrɛkyire, na ɔgyaa wɔn kwan.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Hanun faa Dawid nkoa no, na ɔyiyii wɔn, na ɔtwitwaa wɔn ntadeɛ mu fa fa, de bɛduruu wɔn nsrɛkyire, na ɔgyaa wɔn kwan.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Hanun faa Dawid nkoa no, na oyiyii wɔn, na otwitwaa wɔn ntade mu fa fa de beduu wɔn nsrɛkyiri, na ogyaa wɔn kwan.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Hanun kyeree Dawid abɔfo no, yii wɔn abogyesɛ, twitwaa wɔn ntade ano wɔ wɔn to ase, ma wɔsan kɔe.