1 Chronicles 2:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔn nuanom mmaa din de Seruia ne Abigail. Na Seruia woo mmammarima baasa a wɔn din yɛ Abisai, Yoab ne Asahel.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔn nua mmaanom ne Seruia ne Abigail; na Seruia mma ne Abisai, Yoab ne Asa-el. Wɔyɛ baasa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔn nua mmaanom ne Seruia ne Abigail; na Seruia mma ne Abisai, Yoab ne Asa-el. Wɔyɛ baasa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na wɔn nuammeanom ne Seruia ne Abigail; na Seruia mma ne: Abisai ne Yoab ne Asahel; wosi baasa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔn nuabeanom din de Seruia ne Abigail. Na Seruia woo mmabarima baasa a wɔn din yɛ Abisai, Yoab ne Asahel.