1 Chronicles 2:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yuda ne Kanaanni baa Bat-Sua woo mmammarima baasa. Na wɔn din de Er, Onan ne Sela. Nanso, na abakan Er no yɛ omumuyɛfoɔ enti, Awurade kumm no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yuda mma ne: Er, Onan ne Sela. Baasa yi na Kanaanni Sua babaa wo maa no. Na Yuda abakan Er yɛɛ AWURADE anim bɔne, na ɔkumm no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yuda mma ne: Er, Onan ne Sela. Baasa yi na Kanaanni Sua babaa wo maa no. Na Yuda abakan Er yɛɛ AWURADE anim bɔne, na ɔkumm no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Yuda mma ne: Er ne Onan ne Sela. Baasa yi na Kanaanni Sua babea wo maa no. Na Yuda abakan Er yɛ AWURADE anim ɔbɔne, na okum no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yuda ne Kanaannibea Bat-Sua woo mmabarima baasa. Na wɔn din de Er, Onan ne Sela. Nanso na abakan Er no yɛ omumɔyɛfo nti, Awurade kum no.