1 Chronicles 2:55 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
ne atwerɛfoɔ mmusua a wɔte Yabes no, Tirafoɔ, Simeafoɔ ne Sukatfoɔ. Yeinom nyinaa yɛ Kenifoɔ, Hamat a ɔyɛ Rekab agya no asefoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ne atwerɛfoɔ mmusua a wɔte Yabes no: Tirafoɔ, Simeafoɔ, Sukafoɔ. Wɔne Kinifoɔ a wɔyɛ Hamat a ɔyɛ Rekab fie agya no asefoɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ne atwerɛfoɔ mmusua a wɔte Yabes no: Tirafoɔ, Simeafoɔ, Sukafoɔ. Wɔne Kinifoɔ a wɔyɛ Hamat a ɔyɛ Rekab fie agya no asefoɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ne kyerɛwfo mmusua a wɔte Yabes no: Tirafo, Simeafo, Sukafo; wɔne Kenifo a wɔyɛ Hamat a ɔyɛ Rekab fi agya no asefo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
ne akyerɛwfo mmusua a wɔte Yabes no, Tirafo, Simeafo ne Sukatfo. Eyinom nyinaa yɛ Kenifo, Hamat a ɔyɛ Rekab agya no asefo.