1 Chronicles 21:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Dawid pagyaa nʼani hunuu sɛ Awurade ɔbɔfoɔ no gyina ɔsoro ne asase ntam a, watwe nʼakofena de akyerɛ Yerusalem so. Enti, Dawid ne Israel mpanimfoɔ firaa ayitoma de kyerɛɛ wɔn ahoyera, na wɔhwehwee fam de wɔn anim butubutuu hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid maa n’ani so, na ɔhunuu AWURADE bɔfoɔ no sɛ ɔgyina asase ne ɔsoro ntam, na n’afena a watwe kura ne nsam, na watene no Yerusalem so. Ɛnna Dawid ne mpanimfoɔ a wɔfirafira ayitoma no de wɔn anim butubutuu fam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid maa n’ani so, na ɔhunuu AWURADE bɔfoɔ no sɛ ɔgyina asase ne ɔsoro ntam, na n’afena a watwe kura ne nsam, na watene no Yerusalem so. Ɛnna Dawid ne mpanimfoɔ a wɔfirafira ayitoma no de wɔn anim butubutuu fam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid maa n’ani so na ohuu AWURADE bɔfo no sɛ ogyina asase ne ɔsoro ntam, na n’afoa a watwe kura ne nsam, na wateɛ Yerusalem so. Ɛnna Dawid ne mpanyimfo a wofurafura ayitama no de wɔn anim butubutuw fam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Dawid pagyaw nʼani huu sɛ Awurade bɔfo no gyina ɔsoro ne asase ntam a, watwe nʼafoa de akyerɛ Yerusalem so. Enti Dawid ne Israel mpanyimfo furaa atweaatam de kyerɛɛ wɔn ahoyeraw, na wɔhwehwee fam de wɔn anim butubutuw hɔ.