1 Chronicles 21:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Me na mede nnipakan no ho asɛm baeɛ! Me ne obi a mayɛ bɔne na mafom. Saa nkurɔfoɔ yi deɛ, ɛso bi nna wɔn so. Ɛdeɛn na wɔayɛ? Ao Awurade me Onyankopɔn, ma wʼabufuo mmra me ne me fiefoɔ so, na nsɛe wo nkurɔfoɔ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mese wɔnkan ɔman no, na me na mayɛ bɔne, na mayɛ deɛ ɛnyɛ yi, na nnwan yi deɛ, ɛdeɛn na wɔayɛ? AWURADE me Nyankopɔn, ma wo nsa mmra me so ne m’agya fie so, na mma no mma wo man so mmmɛbɔ wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mese wɔnkan ɔman no, na me na mayɛ bɔne, na mayɛ deɛ ɛnyɛ yi, na nnwan yi deɛ, ɛdeɛn na wɔayɛ? AWURADE me Nyankopɔn, ma wo nsa mmra me so ne m’agya fie so, na mma no mma wo man so mmmɛbɔ wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: So ɛnyɛ me na mise wɔnkan ɔman no, na me na mayɛ bɔne, na mayɛ nea enye yi, na nguan yi de, dɛn na wɔayɛ? AWURADE me Nyankopɔn, ma wo nsa mmra me so ne m’agya fi so, na mma ɛmmma wo man so mmmɛbɔ wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Me na mede nnipakan no ho asɛm bae! Me ne obi a mayɛ bɔne na mafom. Saa nkurɔfo yi de, ɛso bi nna wɔn so. Dɛn na wɔayɛ? Awurade me Nyankopɔn, ma wʼabufuw mmra me ne me fifo so, na nsɛe wo nkurɔfo.”