1 Chronicles 21:24 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔhene no buaa Arauna sɛ, “Dabi! Mepɛ sɛ metua deɛ ɛfata ma wo. Merentumi nnye wʼagyapadeɛ mfa mma Awurade. Meremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a memmɔɔ ho ka.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: Dabi, na tɔ ara na mɛtɔ no sɛdeɛ ne boɔ teɛ, na meremfa adeɛ a ɛyɛ wo deɛ memma AWURADE, sɛ mede adeɛ a mammɔ ho ka bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: Dabi, na tɔ ara na mɛtɔ no sɛdeɛ ne boɔ teɛ, na meremfa adeɛ a ɛyɛ wo deɛ memma AWURADE, sɛ mede adeɛ a mammɔ ho ka bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: Dabi, na ɔtɔ na mɛtɔ no sɛ ne bo te, na meremfa ade a ɛyɛ wo de memma AWURADE, nso meremfa atetade mmɔ ɔhyew afɔre.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔhene no buaa Arauna se, “Dabi! Mepɛ sɛ mitua nea ɛfata ma wo. Merentumi nnye wʼagyapade mfa mma Awurade. Meremmɔ ɔhyew afɔre a memmɔɔ ho ka.”