1 Chronicles 21:29 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ɛberɛ no na Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan ne afɔrebukyia a Mose sii wɔ ɛserɛ so hɔ no sisi Gibeon sorɔnsorɔmmea hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na berɛ no na AWURADE tenabea a Mose yɛɛ no ɛserɛ soɔ no ne afɔrebukyia no wɔ sorɔnsorɔnbea a ɛwɔ Gibeon no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na berɛ no na AWURADE tenabea a Mose yɛɛ no ɛserɛ soɔ no ne afɔrebukyia no wɔ sorɔnsorɔnbea a ɛwɔ Gibeon no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Efisɛ saa bere no na AWURADE tenabea a Mose yɛe sare so ne afɔremuka no wɔ sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibeon no mu;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa bere no na Awurade Ahyiae Ntamadan ne afɔremuka a Mose sii wɔ sare so hɔ no sisi Gibeon sorɔnsorɔmmea hɔ.