1 Chronicles 21:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Yoab kaa sɛ, “ Awurade mmɔ ne nkurɔfoɔ no dodoɔ ho mpɛn ɔha ɔha! Na me wura, adɛn enti na wopɛ sɛ woyɛ saa? Wɔn nyinaa nyɛ wʼasomfoɔ anaa? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ woyɛ ma Israel yɛ bɔne?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yoab kaa sɛ: AWURADE nka ne man ho sɛdeɛ wɔteɛ yi mprɛha so, me wura ɔhene, ɛnyɛ wɔn nyinaa ne me wura nkoa anaa? Adɛn nti na me wura rehwehwɛ yei? Adɛn nti na yei nyɛ asodie mma Israel?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yoab kaa sɛ: AWURADE nka ne man ho sɛdeɛ wɔteɛ yi mprɛha so, me wura ɔhene, ɛnyɛ wɔn nyinaa ne me wura nkoa anaa? Adɛn nti na me wura rehwehwɛ yei? Adɛn nti na yei nyɛ asodie mma Israel?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yoab kae sɛ: AWURADE nka ne man ho sɛnea wɔte yi mpɛn ha so, me wura ɔhene, ɛnyɛ wɔn nyinaa ne me wura nkoa anaa? Ɛdɛn nti na me wura rehwehwɛ eyi? Ɛdɛn nti na ɛnyɛ asodi mma Israel?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Yoab kae se, “ Awurade mmɔ ne nkurɔfo no dodow ho mpɛn ɔha ɔha! Na me wura, adɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ saa? Wɔn nyinaa nyɛ wʼasomfo ana? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ ma Israel yɛ bɔne?”