1 Chronicles 22:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔno ne obi a ɔbɛsi asɔredan, de ahyɛ me din animuonyam. Ɔbɛyɛ me babarima na mayɛ nʼagya. Na mɛma nʼahennie ahennwa atim wɔ Israel afebɔɔ.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɔno na ɔbɛsi efie ama me din, na ɔno na ɔbɛyɛ me ɔba, na me nso mɛyɛ no agya, na mɛma n’ahennie adwa atim Israel so akɔsi daa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɔno na ɔbɛsi efie ama me din, na ɔno na ɔbɛyɛ me ɔba, na me nso mɛyɛ no agya, na mɛma n’ahennie adwa atim Israel so akɔsi daa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɔno na obesi ofi ama me din, na ɔno na ɔbɛyɛ me ɔba, na me nso mɛyɛ no agya, na mɛma n’ahenni agua atim Israel so akosi daa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔno ne obi a obesi asɔredan, de ahyɛ me din anuonyam. Ɔbɛyɛ me babarima na mayɛ nʼagya. Na mɛma nʼahenni ahengua atim wɔ Israel afebɔɔ.’