1 Chronicles 22:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Dawid maa nnadeɛ pii a wɔde bɛyɛ nnadewa a ɛho bɛhia ama apono ne mfɛwa. Ɔmaa kɔbere mfrafraeɛ nso bebree a na wɔntumi nkari mpo.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid siesiee dadeɛ bebree a wɔmfa mmɔ aboboano apono ho nnadewa ne nkɔtɔkorɔ ne kɔbere mfrafraeɛ pii a ɛnni nkariiɛ,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid siesiee dadeɛ bebree a wɔmfa mmɔ aboboano apono ho nnadewa ne nkɔtɔkorɔ ne kɔbere mfrafraeɛ pii a ɛnni nkariiɛ,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid siesiee dade bebree a wɔmfa mmɔ abobow ano apon ho nnadewa ne akɔtɔkoro ne kɔbere pii a enni nkarii,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Dawid maa nnade pii a wɔde bɛyɛ nnadewa a ɛho behia ama apon ne mpontare. Ɔmaa kɔbere mfrafrae nso bebree a na wontumi nkari mpo.