1 Chronicles 22:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Dawid kaa sɛ, “Me babarima Salomo nnyiniiɛ, na ɔnni osuahunu bi, nanso ɛsɛ sɛ Awurade asɔredan yi yɛ kɛseɛ, gye edin na ɛyɛ animuonyamhyɛdeɛ wɔ ewiase afanan nyinaa. Enti, mɛfiri aseɛ ayɛ ahoboa ama ne sie ɛnnɛ yi ara.” Enti, Dawid pɛɛ adansie ho nneɛma bebree guu hɔ ansa na ɔrewu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid kaa sɛ: Me ba Salomo yɛ abɔfra na ɔyɛ bɔkɔɔ, na efie no, wɔnsi mma AWURADE mma no nso kɛseɛ pa ara, na ɛnyɛ din ne afɛfɛdeɛ mma nsase nyinaa, na enti mɛsiesie mama no. Na Dawid siesiee nnoɔma a wɔdi si dan pii pa ansa na ɔrewuo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid kaa sɛ: Me ba Salomo yɛ abɔfra na ɔyɛ bɔkɔɔ, na efie no, wɔnsi mma AWURADE mma no nso kɛseɛ pa ara, na ɛnyɛ din ne afɛfɛdeɛ mma nsase nyinaa, na enti mɛsiesie mama no. Na Dawid siesiee nnoɔma a wɔdi si dan pii pa ansa na ɔrewuo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid kae sɛ: Me ba Solomon yɛ abofra na ɔyɛ bɔkɔɔ, na ofi no, wonsi mma AWURADE mma ɛnso kɛse pa ara, na ɛnyɛ din ne afɛfɛde mma nsaase nyinaa, na enti mesiesie ho nneɛma. Na Dawid siesiee ade pii pa ansa na ɔrewu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Dawid kae se, “Me babarima Salomo nnyinii, na onni osuahu bi, nanso ɛsɛ sɛ saa asɔredan yi yɛ kɛse, gye din na ɛyɛ anuonyamhyɛ wɔ wiase mmaa nyinaa. Enti mefi ase nnɛ yi ara ayɛ ahoboa ama ne si.” Enti Dawid pɛɛ adansi ho nneɛma bebree guu hɔ ansa na ɔrewu.