1 Chronicles 24:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔkyɛɛ Itamar deɛ mu akuo nwɔtwe, ɛfiri sɛ, na Eleasa asefoɔ mu mmusua mpanimfoɔ no dɔɔso.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔhunuu Eleasa mma mu mmarima no mu atitire bebree sene Itamar mma mu, na wɔbuu wɔn mu: Eleasa mma nyaa mpanimfie atitire dunsia, na Itamar mma, wɔn mpanimfie so, nwɔtwe.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔhunuu Eleasa mma mu mmarima no mu atitire bebree sene Itamar mma mu, na wɔbuu wɔn mu: Eleasa mma nyaa mpanimfie atitire dunsia, na Itamar mma, wɔn mpanimfie so, nwɔtwe.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wohuu Eleasar mma mu mmarima no mu atitiriw bebree sen Itamar mma mu, na wobuu wɔn mu: Eleasar mma nyaa mpanyimfi atitiriw dunsia, na Itamar, mma wɔn mpanyimfi so, awotwe.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔkyɛɛ Itamar de mu akuw awotwe, efisɛ na Eleasar asefo mu mmusua mpanyimfo no dɔɔso.