1 Chronicles 25:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Yedutun wɔ mmammarima a wɔn nie: Gedalia, Seri, Yesaia, Simei, Hasabia ne Matitia. Wɔyɛ baasia a wɔhyɛ wɔn agya Yedutun ase. Ɔno na ɔnam sankuten so de aseda ne nkamfo maa Awurade de bɔɔ Onyankopɔn asɛm no ho dawuro.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yedutun deɛ: Yedutun mma ne: Gedalia, Seri, Yesaia ne Simei, Hasabia ne Matitia, baasia no hyɛ wɔn agya Yedutun ase, ɔno na ɔkura sankuten, hyɛ nkɔm, de aseda ne ayeyie ma AWURADE.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yedutun deɛ: Yedutun mma ne: Gedalia, Seri, Yesaia ne Simei, Hasabia ne Matitia, baasia no hyɛ wɔn agya Yedutun ase, ɔno na ɔkura sankuten, hyɛ nkɔm, de aseda ne ayeyie ma AWURADE.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Yedutun de: Yedutun mma ne: Gedalia ne Seri ne Yesaia [ne Simei], Hasabia ne Matitia, baasia no hyɛ wɔn agya Yedutun ase, ɔno kura sankuten hyɛ nkɔm de aseda ne ayeyi ma AWURADE.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Yedutun wɔ mmabarima a wɔne: Gedalia, Seri, Yesaia, Simei, Hasabia ne Matitia. Wɔyɛ baasia a wɔhyɛ wɔn agya ase. Ɔno na ɔhyɛɛ nkɔm, nam sankuten so de aseda ne nkamfo maa Awurade.