1 Chronicles 25:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔatete wɔn ne wɔn abusuafoɔ nyinaa wɔ nnwom a wɔbɔ wɔ Awurade anim no mu. Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ahanu aduɔwɔtwe nwɔtwe (288) na wɔn mu biara wɔ nnwontoɔ ho nimdeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔne wɔn nuanom a wɔakyerɛ wɔn AWURADE dwontoɔ no, a wɔawedare mu no ano si ahanu aduɔwɔtwe nwɔtwe.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔne wɔn nuanom a wɔakyerɛ wɔn AWURADE dwontoɔ no, a wɔawedare mu no ano si ahanu aduɔwɔtwe nwɔtwe.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔne wɔn nuanom a wɔakyerɛ wɔn AWURADE dwonto no ano si nhumufo ara nko ahanu aduɔwɔtwe awotwe.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔatetew wɔn ne wɔn abusuafo nyinaa wɔ nnwom a wɔto wɔ Awurade anim no mu. Na wɔn nyinaa dodow yɛ ahannu aduɔwɔtwe awotwe na wɔn mu biara wɔ nnwonto ho nimdeɛ.