1 Chronicles 26:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛda biara, na wɔma baasia kɔ atɔeɛ ɛpono no ho. Baanan kɔ ɛkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so, na baanu nso akɔ adihɔ hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Parbar a ɛwɔ atɔeɛ fam no, nnipa baanan wɔ ɔtempɔn no ano, na baanu wɔ Parbar ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Parbar a ɛwɔ atɔeɛ fam no, nnipa baanan wɔ ɔtempɔn no ano, na baanu wɔ Parbar ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Parbar de wɔ atɔe fam: Nnipa baanan wɔ ɔtempɔn no ano, na baanu wɔ Parbar ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Da biara, na wɔma baasia kɔ atɔe pon no ho. Baanan kɔ ɔkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so, na baanu nso akɔ adiwo hɔ.