1 Chronicles 26:30 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Hebron abusua mu na Hasabia firi. Ɔne nʼabusuafoɔ a wɔyɛ mmɔdemmɔfoɔ a wɔn dodoɔ yɛ apem ahanson na wɔma wɔhwɛɛ Israel nsase a ɛdeda Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam no so. Nsɛm a ɛfa Awurade ho, ne ɔhene a ɔwɔ mpasua no so som ho nyinaa yɛ wɔn asɛdeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Hebronfoɔ mu na Hasabia ne ne nuanom, nnipa a wɔtumi wɔn ho, apem ahanson, hwɛɛ Israel so, Yordan atɔeɛ fam, AWURADE adwuma ne ɔhene som nyinaa fam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Hebronfoɔ mu na Hasabia ne ne nuanom, nnipa a wɔtumi wɔn ho, apem ahanson, hwɛɛ Israel so, Yordan atɔeɛ fam, AWURADE adwuma ne ɔhene som nyinaa fam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Hebronfo mu nso, Hasabia ne ne nuanom, nnipa a wotumi apem ahanson na ɛhwɛɛ Israel so, Yordan atɔe fam, AWURADE adwuma ne ɔhene som nyinaa fam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Hebron abusua mu na Hasabia fi. Ɔne nʼabusuafo a wɔyɛ mmɔdemmɔfo a wɔn dodow yɛ apem ahanson na wɔma wɔhwɛɛ Israel nsase a ɛdeda Asubɔnten Yordan atɔe fam no so. Nsɛm a ɛfa Awurade ho, ne ɔhene a ɔwɔ mpasua no so som ho nyinaa yɛ wɔn asɛde.