1 Chronicles 26:32 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden mpem mmienu ne ahanson na na wɔwɔ Yeria abusua mu. Ɔhene Dawid ma wɔkɔɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam, ma wɔkɔhwɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no so. Nsɛm a ɛfa Onyankopɔn ho, ne ɔhene som ho nyinaa yɛ wɔn asɛdeɛ.)
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ne nuanom, nnipa a wɔtumi wɔn ho yɛ mpennu ahanson, na Ɔhene Dawid de wɔn sisii Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no so, Nyankopɔn ne ɔhene nsɛm nyinaa fam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ne nuanom, nnipa a wɔtumi wɔn ho yɛ mpennu ahanson, na Ɔhene Dawid de wɔn sisii Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no so, Nyankopɔn ne ɔhene nsɛm nyinaa fam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔne ne nuanom, nnipa a wotumi na wɔyɛ mpanyimfi atitiriw mpennu ahanson, na ɔhene Dawid de wɔn sisii Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no so, Onyankopɔn ne ɔhene nsɛm nyinaa fam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden mpem abien ne ahanson na na wɔwɔ Yeria abusua mu. Ɔhene Dawid ma wɔkɔɔ Asubɔnten Yordan apuei fam, maa wɔkɔhwɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa no so. Nsɛm a ɛfa Onyankopɔn ho, ne ɔhene som ho nyinaa yɛ wɔn asɛde.)