1 Chronicles 27:24 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yoab na ɔhyɛɛ nnipakan no ase, nanso wanwie, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bo fuu Israel. Wɔantwerɛ nnipa no nyinaa dodoɔ angu Ɔhene Dawid nkrataa mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Seruia ba Yoab firi aseɛ kanee, na wanwie. Na yei nti abufuo baa Israel so, na dodoɔ no, wɔantwerɛ no Ɔhene Dawid berɛsosɛm nwoma no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Seruia ba Yoab firi aseɛ kanee, na wanwie. Na yei nti abufuo baa Israel so, na dodoɔ no, wɔantwerɛ no Ɔhene Dawid berɛsosɛm nwoma no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Seruia ba Yoab fii ase kanee, na wanwie; na eyi nti abufuw baa Israel so, na dodow no, wɔankyerɛw ɔhene Dawid beresosɛm nhoma no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yoab na ofii nnipakan no ase, nanso wanwie, efisɛ Onyankopɔn bo fuw Israel. Wɔankyerɛw nnipa no nyinaa dodow angu Ɔhene Dawid nkrataa mu.