1 Chronicles 27:25 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Adiel babarima Asmawet na na ɔhwɛ ahemfie sikakorabea so. Usia babarima Yonatan no na na ɔhwɛ ɔmantam no sikakorabea a ɛwowɔ nkuro, nkuraaseɛ ne aban a ɛwɔ Israel nyinaa so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔhene akoradeɛ no so na Adiel ba Asmawet ɔhwɛ, na akoradeɛ a ɛwɔ asase no soɔ, nkuro ne nkurowa ne abantenten mu no so na Usia ba Yonatan hwɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔhene akoradeɛ no so na Adiel ba Asmawet ɔhwɛ, na akoradeɛ a ɛwɔ asase no soɔ, nkuro ne nkurowa ne abantenten mu no so na Usia ba Yonatan hwɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene akorade no so na Adiel ba Asmawet di, na akorade a ɛwɔ asase no so nkurow ne nkurowa ne abantenten mu no so na Usia ba Yonatan di.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Adiel babarima Asmawet na na ɔhwɛ ahemfi sikakorabea so. Usia babarima Yonatan no na na ɔhwɛ ɔmantam no sikakorabea a ɛwowɔ nkurow, nkuraa ne aban a ɛwɔ Israel nyinaa so.