1 Chronicles 27:29 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sitrai a ɔfiri Saron na na ɔhwɛ anantwie a na wɔwɔ Saron ɛserɛ so no so. Adlai babarima Safat na na ɔhwɛ anantwie a wɔwɔ bɔnhwa ahodoɔ mu no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na anantwie a wɔyɛne wɔn Saron no so na Saronni Sitrai die, na mmonhwa no mu anantwie so na Adlai ba Safat die.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na anantwie a wɔyɛne wɔn Saron no so na Saronni Sitrai die, na mmonhwa no mu anantwie so na Adlai ba Safat die.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na anantwi a wɔyɛn wɔn Saron no so na Saronni Sitrai di, na abon no mu anantwi so na Adlai ba Safat di.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sitrai a ofi Saron na na ɔhwɛ anantwi a na wɔwɔ Saron sare so no so. Adlai babarima Safat na na ɔhwɛ anantwi a wɔwɔ abon ahorow mu no so.