1 Chronicles 28:12 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nhyehyɛeɛ biara a Honhom no de maa Dawid a ɛfa Awurade Asɔredan adihɔ ho, akyire adan, Onyankopɔn Asɔredan no mu sikakorabea ne akyɛdeɛ a wɔde ama Onyankopɔn no, ɔkyerɛɛ Salomo.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ne adeɛ biara a ɛwɔ ne honhom mu nsususoɔ, AWURADE fie abannwa ne mpia a ɛtwa ho hyia nyinaa, ne Nyankopɔn fie adekoraeɛ ne akronkronneɛ akoraeɛ,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ne adeɛ biara a ɛwɔ ne honhom mu nsususoɔ, AWURADE fie abannwa ne mpia a ɛtwa ho hyia nyinaa, ne Nyankopɔn fie adekoraeɛ ne akronkronneɛ akoraeɛ,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ne ade biara a ɛwɔ ne honhom mu nsusuwso, AWURADE fi abangua ne mpia a wotwa ho hyia nyinaa ne Onyankopɔn fi adekorae ne akronkronne akorae;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nhyehyɛe biara a Honhom no de maa Dawid a ɛfa Awurade Asɔredan adiwo ho, akyi adan, Onyankopɔn Asɔredan no mu sikakorabea ne akyɛde a wɔde ama Onyankopɔn no, ɔkyerɛɛ Salomo.