1 Chronicles 28:2 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Dawid sɔre gyinaa wɔn anim, kasa kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me nuanom ne me nkurɔfoɔ, anka mepɛɛ sɛ mɛsi asɔredan a wɔde Awurade Apam Adaka, Onyankopɔn nan ntiasoɔ no bɛsi afebɔɔ. Meyɛɛ ho ahoboa nyinaa sɛ mede rebɛsi,
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ɔhene Dawid sɔre gyinaa ne nan so kaa sɛ: Me nuanom ne me man, montie me! Me deɛ, na ɛwɔ m’akoma mu sɛ mɛsi homebea fie mama AWURADE apam adaka no, na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiasoɔ. Na masiesie ne sie no ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ɔhene Dawid sɔre gyinaa ne nan so kaa sɛ: Me nuanom ne me man, montie me! Me deɛ, na ɛwɔ m’akoma mu sɛ mɛsi homebea fie mama AWURADE apam adaka no, na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiasoɔ. Na masiesie ne sie no ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene Dawid sɔre gyinaa n’anan so kae sɛ: Me nuanom ne me man, muntie me! Me de, ɛwɔ me koma mu sɛ mesi homebea, ofi mama AWURADE apam adaka no, na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiaso, na masiesie ne si no ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Dawid sɔre gyinaa wɔn anim, kasa kyerɛɛ wɔn se, “Me nuanom ne me nkurɔfo, anka mepɛɛ sɛ misi asɔredan a wɔde Awurade Apam Adaka, Onyankopɔn anan ntiaso no besi afebɔɔ. Meyɛɛ ho ahoboa nyinaa sɛ mede rebesi,