1 Chronicles 28:21 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Asɔfoɔ ne Lewifoɔ akuo no bɛsom wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu. Wɔn a aka a wɔwɔ nimdeɛ ahodoɔ no nyinaa bɛyi wɔn yam aboa, na ntuanofoɔ ne ɔman no nyinaa nso bɛyɛ biribiara a wobɛka.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na hwɛ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ akuakuo a wɔbɛsom Nyankopɔn fie som nyinaa nie. Na adwuma no nyinaa mu, nnipa a wɔyi wɔn yam, na wɔwɔ ɔsom nyinaa ho nyansa, ne asafohene no ne ɔman no nyinaa, wɔ wo nsam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na hwɛ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ akuakuo a wɔbɛsom Nyankopɔn fie som nyinaa nie. Na adwuma no nyinaa mu, nnipa a wɔyi wɔn yam, na wɔwɔ ɔsom nyinaa ho nyansa, ne asafohene no ne ɔman no nyinaa, wɔ wo nsam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na hwɛ, asɔfo ne Lewifo nkyekyem a wɔbɛsom Onyankopɔn fi som nyinaa ni; na adwuma no nyinaa mu, wowɔ nnipa a wɔwɔ adwuma biara ho nyansa na wobeyi wɔn yam aboa; na asafohene no ne ɔman no nyinaa nso wɔ wo nsam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Asɔfo ne Lewifo akuw no bɛsom wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu. Wɔn a aka a wɔwɔ nimdeɛ ahorow no nyinaa beyi wɔn yam aboa, na ntuanofo ne ɔman no nyinaa nso bɛyɛ biribiara a wobɛka.”