1 Chronicles 28:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Nanso, Awurade, Israel Onyankopɔn, ayi me wɔ mʼagya abusua mu sɛ, menni ɔhene wɔ Israel so daa. Na wayi Yuda abusuakuo sɛ wɔnni ɔhene na Yuda mmusua mu nso, ɔyii mʼagya abusua. Na mʼagya mma mu no nso, ɛyɛɛ Awurade fɛ sɛ ɔsii me Israel nyinaa so ɔhene.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE, Israel Nyankopɔn ayi me afiri m’agya fiefoɔ nyinaa mu sɛ menni Israel so hene nkɔsi daa. Na wayi Yuda asi no panin, na Yuda fie mu nso wayi m’agya fie, na m’agya mma mu nso ɔpɛɛ m’asɛm sɛ ɔde me bɛsi Israel nyinaa soɔ,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE, Israel Nyankopɔn ayi me afiri m’agya fiefoɔ nyinaa mu sɛ menni Israel so hene nkɔsi daa. Na wayi Yuda asi no panin, na Yuda fie mu nso wayi m’agya fie, na m’agya mma mu nso ɔpɛɛ m’asɛm sɛ ɔde me bɛsi Israel nyinaa soɔ,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na AWURADE Israel Nyankopɔn ayi me afi m’agya fifo nyinaa mu sɛ minni Israel so hene nkosi daa. Na wayi Yuda asi no panyin, na Yuda fi mu nso wayi m’agya fi, na m’agya mma mu nso ɔpɛɛ m’asɛm sɛ ɔde me besi Israel nyinaa so,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Nanso Awurade, Israel Nyankopɔn, ayi me wɔ mʼagya abusua mu sɛ, minni ɔhene wɔ Israel so daa. Na wayi Yuda abusuakuw sɛ wonni hene na Yuda mmusua mu nso, oyii mʼagya abusua. Na mʼagya mma mu no nso, ɛyɛɛ Awurade fɛ sɛ osii me Israel nyinaa so hene.