1 Chronicles 28:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Enti, seesei a Onyankopɔn yɛ yɛn danseni yi, menam wo so de saa asodie yi ma Israel nyinaa a wɔyɛ Awurade manfoɔ no: Monhwɛ yie na monni Awurade, mo Onyankopɔn, ahyɛdeɛ nyinaa so sɛdeɛ mobɛfa saa asase pa yi, na moagya ama mo asefoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ daa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afei, Israel a wɔyɛ AWURADE badwa no nyinaa anim ne yɛn Nyankopɔn aso mu, mese: Monhwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn mmara nsɛm nyinaa nni so, nhwehwɛ akyire kwan, na moadi asase pa yi so, na moagya no awunnyadeɛ ama mo mma, mo akyi akɔsi daa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afei, Israel a wɔyɛ AWURADE badwa no nyinaa anim ne yɛn Nyankopɔn aso mu, mese: Monhwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn mmara nsɛm nyinaa nni so, nhwehwɛ akyiri kwan, na moadi asase pa yi so, na moagya no awunnyadeɛ ama mo mma, mo akyi akɔsi daa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afei, Israel a wɔyɛ AWURADE bagua no nyinaa anim ne yɛn Nyankopɔn asom, mise: Monhwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn mmara nsɛm nyinaa nni so nhwehwɛ akyi kwan, na moadi asase pa yi so, na moagyaw no awunnyade ama mo mma, mo akyi akosi daa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Enti mprempren a Onyankopɔn yɛ yɛn dansifo yi, menam wo so de saa asodi yi ma Israel nyinaa a wɔyɛ Awurade manfo no: Monhwɛ yiye na munni Awurade, mo Nyankopɔn, ahyɛde nyinaa so sɛnea mobɛfa saa asase pa yi, na moagyaw ama mo asefo sɛ wɔn agyapade daa.