1 Chronicles 29:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ao, Awurade, yɛn agyanom Abraham, Isak ne Israel Onyankopɔn, ma wo nkurɔfoɔ nyɛ ɔsetie mma wo daa. Mma ɔdɔ a wɔde dɔ wo no nsesa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
AWURADE, yɛn agyanom Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn, fa yei sie wo man akoma mu, adwene mu, nsusuiɛ mu, kɔsi daa, na siesie wɔn akoma bra wo nkyɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
AWURADE, yɛn agyanom Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn, fa yei sie wo man akoma mu, adwene mu, nsusuiɛ mu, kɔsi daa, na siesie wɔn akoma bra wo nkyɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
AWURADE, yɛn agyanom Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn, fa eyi sie wo man koma mu adwene mu nsusuwii mu kosi daa, na siesie wɔn koma bra wo fam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade, yɛn agyanom Abraham, Isak ne Israel Nyankopɔn, ma wo nkurɔfo nyɛ osetie mma wo daa. Mma ɔdɔ a wɔde dɔ wo no nsesa.