1 Chronicles 29:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mede deɛ metumi yɛ biara adi dwuma, maboaboa deɛ mɛtumi anya nyinaa ano ama me Onyankopɔn Asɔredan no sie. Seesei, sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, nnadeɛ ne nnua ne apopobibirieboɔ ne aboɔdemmoɔ, aboɔden agudeɛ ne abopa ne abohemaa ahodoɔ nyinaa pii wɔ hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na me tumi nyinaa, na mede masiesie me Nyankopɔn fie no ho sika ama sika adeɛ, ne dwetɛ ama dwetɛ adeɛ, ne kɔbere mfrafraeɛ adeɛ ho kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ adeɛ nso dadeɛ, ne nnua adeɛ, nnua, apopobibire aboɔ ne nhyehyɛmu aboɔ, aboɔ hyɛnhyɛn ne aboɔ nworonnworan ne aboɔden aboɔ nyinaa ne abofufuo pii pa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na me tumi nyinaa, na mede masiesie me Nyankopɔn fie no ho sika ama sika adeɛ, ne dwetɛ ama dwetɛ adeɛ, ne kɔbere mfrafraeɛ adeɛ ho kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ adeɛ nso dadeɛ, ne nnua adeɛ, nnua, apopobibire aboɔ ne nhyehyɛmu aboɔ, aboɔ hyɛnhyɛn ne aboɔ nworonnworan ne aboɔden aboɔ nyinaa ne abofufuo pii pa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na me tumi nyinaa na mede masiesie me Nyankopɔn fi no ho sika mama sika ade, ne dwetɛ mama dwetɛ ade, ne kɔbere ade ho kɔbere, dade nso dade ne nnua ade nnua, apopobibiri abo ne nhyehyɛmu abo, abo sransran ne abo nworannworan ne aboɔden abo nyinaa ne abo fufu pii pa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mede nea mitumi yɛ biara adi dwuma, maboaboa nea matumi anya nyinaa ano ama me Nyankopɔn Asɔredan no si. Mprempren, sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae, nnade ne nnua ne apopobibiri abo ne aboɔden abo, aboɔden agude ne abo pa ne abohemaa ahorow nyinaa pii wɔ hɔ.