1 Chronicles 29:27 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔdii ɔhene wɔ Israel mfeɛ aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, ɔtenaa Hebron mfeɛ nson dii adeɛ, na mfeɛ aduasa mmiɛnsa nso, ɔtenaa Yerusalem.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na nna a ɔde dii Israel soɔ no yɛ mfirinhyia aduanan. Ɔdii hene mfeɛ nson wɔ Hebron, na Yerusalem deɛ, ɔdii mfeɛ aduasa mmiɛnsa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na nna a ɔde dii Israel soɔ no yɛ mfirinhyia aduanan. Ɔdii hene mfeɛ nson wɔ Hebron, na Yerusalem deɛ, ɔdii mfeɛ aduasa mmiɛnsa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nna a ɔde dii Israel so no si mfirihyia aduanan. Odii hene mfe ason Hebron, na Yerusalem de, odii mfe aduasa abiɛsa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Odii hene wɔ Israel mfe aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, odii Hebron so mfe ason, na mfe aduasa abiɛsa nso, ɔtenaa Yerusalem.