1 Chronicles 29:29 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛfiri Ɔhene Dawid adedie ahyɛaseɛ de kɔsi nʼawieeɛ mu nsɛm nyinaa, wɔatwerɛ agu ɔdehunufoɔ Samuel abakɔsɛm nwoma, odiyifoɔ Natan abakɔsɛm nwoma ne ɔdehunufoɔ Gad abakɔsɛm nwoma mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ɔhene Dawid nsɛm a ɛdi kan ne deɛ ɛdi akyire no, hwɛ, wɔatwerɛ no Ɔdehunufoɔ Samuel nsɛm ne Odiyifoɔ Natan Nsɛm ne Ɔdehwɛfoɔ Gad nsɛm mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ɔhene Dawid nsɛm a ɛdi kan ne deɛ ɛdi akyire no, hwɛ, wɔatwerɛ no Ɔdehunufoɔ Samuel nsɛm ne Odiyifoɔ Natan Nsɛm ne Ɔdehwɛfoɔ Gad nsɛm mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene Dawid nsɛm a edi kan ne nea edi akyiri no, hwɛ, wɔakyerɛw ɔdehufo Samuel nsɛm ne odiyifo Natan nsɛm ne ɔdehwɛfo Gad nsɛm mu;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Efi Ɔhene Dawid adedi mfiase de kosi nʼawie mu nsɛm nyinaa, wɔakyerɛw agu ɔdehufo Samuel abakɔsɛm nhoma, odiyifo Natan abakɔsɛm nhoma ne ɔdehufo Gad abakɔsɛm nhoma mu.