1 Chronicles 29:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na abusua ntuanofoɔ, Israel mmusuakuo ntuanofoɔ, asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ ne ɔhene adwumayɛfoɔ nyinaa firii ɔpɛ pa mu maeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna agyanom mmapɔmma ne Israel mmusuakuo mmapɔmma ne mpem mpem ne ɔha ha so asafohene ne ɔhene adwuma so ahwɛfoɔ no nyaa ɛho anigyeɛ,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna agyanom mmapɔmma ne Israel mmusuakuo mmapɔmma ne mpem mpem ne ɔha ha so asafohene ne ɔhene adwuma so ahwɛfoɔ no nyaa ɛho anigyeɛ,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna mpanyimfi mmapɔmma ne Israel mmusuakuw mmapɔmma ne mpem ne ɔha ha so asafohene ne ɔhene adwuma so ahwɛfo no yii wɔn yam maa bi;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na abusua ntuanofo, Israel mmusuakuw ntuanofo, asahene ne asraafo mpanyimfo ne ɔhene adwumayɛfo nyinaa fii ɔpɛ pa mu mae.