1 Chronicles 29:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nnipa no ani gyee ɔma no ho, ɛfiri sɛ, wɔfiri ɔpɛ pa ne akoma pa mu na wɔyiyi maa Awurade, na Ɔhene Dawid ani gyee yie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔman no ani gyee deɛ wɔyii wɔn yam de maeɛ no ho, ɛfiri sɛ akoma mu nyinaa na wɔde yii wɔn yam de maa AWURADE, na Ɔhene Dawid nso ani gyee anigyeɛ kɛse.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔman no ani gyee deɛ wɔyii wɔn yam de maeɛ no ho, ɛfiri sɛ akoma mu nyinaa na wɔde yii wɔn yam de maa AWURADE, na Ɔhene Dawid nso ani gyee anigyeɛ kɛse.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔman no ani gyei nea woyii wɔn yam de mae no ho, efisɛ koma mu nyinaa na wɔde yii wɔn yam de maa AWURADE, na ɔhene Dawid nso ani gyee anigye kɛse.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nnipa no ani gyee ɔma no ho, efisɛ wofi ɔpɛ pa ne koma pa mu na woyiyi maa Awurade, na Ɔhene Dawid ani gyee yiye.