1 Chronicles 3:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔwowoo mmammarima baasia yi nyinaa maa Dawid wɔ Hebron. Ɔdii adeɛ wɔ hɔ mfirinhyia nson ne fa. Dawid yii kuropɔn no kɔɔ Yerusalem, na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduasa mmiɛnsa wɔ hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Hebron na wɔwoo baasia maa no, na ɔdii hɔ hene mfeɛ nson ne abosome nsia na ɔdii mfeɛ aduasa mmiɛnsa Yerusalem.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Hebron na wɔwoo baasia maa no, na ɔdii hɔ hene mfeɛ nson ne abosome nsia na ɔdii mfeɛ aduasa mmiɛnsa Yerusalem.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Hebron na wɔwoo baasia maa no, na odii hɔ hene mfe ason ne asram asia na odii mfe aduasa abiɛsa Yerusalem.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔwowoo mmabarima baasia yi nyinaa maa Dawid wɔ Hebron. Odii ade wɔ hɔ mfirihyia ason ne fa. Dawid yii kuropɔn no kɔɔ Yerusalem, na odii ade mfirihyia aduasa abiɛsa wɔ hɔ.